| الرَّحْمَٰنُ (1) Ahummͻborͻ Hene (Nyankopͻn)
 | 
| عَلَّمَ الْقُرْآنَ (2) Ɔno na W’akyerε (Nkͻmhyεni) Qur’aan no
 | 
| خَلَقَ الْإِنسَانَ (3) Ɔno na Ɔbͻͻ onipa
 | 
| عَلَّمَهُ الْبَيَانَ (4) Kyerεε no kasa nkyerεkyerεmu
 | 
| الشَّمْسُ وَالْقَمَرُ بِحُسْبَانٍ (5) Awia ne bosome nnam wͻ nhyehyεε so
 | 
| وَالنَّجْمُ وَالشَّجَرُ يَسْجُدَانِ (6) Wira mu nhoma (anaasε nsoromma) ne nnua nso (nyinaa) berε wͻn ho ase (ma Nyankopͻn)
 | 
| وَالسَّمَاءَ رَفَعَهَا وَوَضَعَ الْمِيزَانَ (7) Ɛna W’apagya ͻsoro, εna Ɔde nsania ato ho
 | 
| أَلَّا تَطْغَوْا فِي الْمِيزَانِ (8) Sεdeε monyε mfomsoͻ wͻ ade susuo ho
 | 
| وَأَقِيمُوا الْوَزْنَ بِالْقِسْطِ وَلَا تُخْسِرُوا الْمِيزَانَ (9) Na moma nsania no nyina pεpεεpε, na monnte adeε a mobesusuo no so
 | 
| وَالْأَرْضَ وَضَعَهَا لِلْأَنَامِ (10) Ɛna Ɔde asaase no ato hͻ ama abͻdeε (a wͻ’tumi tena asaase soͻ)
 | 
| فِيهَا فَاكِهَةٌ وَالنَّخْلُ ذَاتُ الْأَكْمَامِ (11) Emu na nnuaba, ne akyiresua a εbͻ esa-esa wͻ
 | 
| وَالْحَبُّ ذُو الْعَصْفِ وَالرَّيْحَانُ (12) Ne nnuaba (ahodoͻ tesε aburoo, ayuo, atokoͻ ne deε εkeka ho) a εwͻ nhahamma a nyεmmoa weε, εne nnuaba a etu hwa pa
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (13) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| خَلَقَ الْإِنسَانَ مِن صَلْصَالٍ كَالْفَخَّارِ (14) Ɔno na Ɔde nԑteε a awoͻ bͻͻ onipa tesε ayowa anaa kukuo a yanwene atotoo
 | 
| وَخَلَقَ الْجَانَّ مِن مَّارِجٍ مِّن نَّارٍ (15) Ɛna Ɔbͻͻ Jinnfoͻ no nso fri ogya frama (anaa) ogya kεterεma mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (16) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| رَبُّ الْمَشْرِقَيْنِ وَرَبُّ الْمَغْرِبَيْنِ (17) Apueε mmienu no Wura, ne Atͻeε mmienu no Wura
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (18) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| مَرَجَ الْبَحْرَيْنِ يَلْتَقِيَانِ (19) Ɔno na W’ama ͻpo mmienu no (nsupa ne nkyene nsuo) behyia mu
 | 
| بَيْنَهُمَا بَرْزَخٌ لَّا يَبْغِيَانِ (20) Ɛhyeε da ne mmienu ntεm a emu biara ntumi mmu mfa baako soͻ
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (21) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| يَخْرُجُ مِنْهُمَا اللُّؤْلُؤُ وَالْمَرْجَانُ (22) Y’eyi nhwenepa ne aboͻ a εhyerεn wͻ (ͻpo no) mmienu mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (23) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| وَلَهُ الْجَوَارِ الْمُنشَآتُ فِي الْبَحْرِ كَالْأَعْلَامِ (24) Ɔno na nsuom hyεn a εnenam po so tesε mmepͻ atenten no yε Nedea
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (25) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| كُلُّ مَنْ عَلَيْهَا فَانٍ (26) Adeε a εwͻ (asaase) soͻ biara befri hͻ
 | 
| وَيَبْقَىٰ وَجْهُ رَبِّكَ ذُو الْجَلَالِ وَالْإِكْرَامِ (27) Na εbεka wo Wura Nyankopͻn Kεseε Onimuonyamfoͻ no animuonyam nko ara
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (28) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| يَسْأَلُهُ مَن فِي السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضِ ۚ كُلَّ يَوْمٍ هُوَ فِي شَأْنٍ (29) Wͻn a wͻ’wͻ soro ne wͻn a wͻ’wͻ asaase so nyinaa bisa no. Da biara N’animuonyam da adi
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (30) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| سَنَفْرُغُ لَكُمْ أَيُّهَ الثَّقَلَانِ (31) Mo akuo mmienu no (Jinn ne nnipa) Yε’bεtoto (montotoeε anaasε yεbebu mo atεn no) ama mo
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (32) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| يَا مَعْشَرَ الْجِنِّ وَالْإِنسِ إِنِ اسْتَطَعْتُمْ أَن تَنفُذُوا مِنْ أَقْطَارِ السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضِ فَانفُذُوا ۚ لَا تَنفُذُونَ إِلَّا بِسُلْطَانٍ (33) Jinn ne nnipa fekuo, sε mobetumi akͻ soro ne asaase ntweaso babiara a motumi kͻ. Nanso montumi nkͻ gyesε monya tumi anaa nyinasoͻ bi (fri Nyankopͻn hͻ ansa)
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (34) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| يُرْسَلُ عَلَيْكُمَا شُوَاظٌ مِّن نَّارٍ وَنُحَاسٌ فَلَا تَنتَصِرَانِ (35) Ɔbεsoma ogya tanaa ne yaawa (a yananee) aba moso, na montumi mmͻ mo ho ban
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (36) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فَإِذَا انشَقَّتِ السَّمَاءُ فَكَانَتْ وَرْدَةً كَالدِّهَانِ (37) Sε ͻsoro mu dwidwa a afei εbεyε kͻͻ tesε aboa nwoma (a yahyε no) kͻͻ
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (38) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فَيَوْمَئِذٍ لَّا يُسْأَلُ عَن ذَنبِهِ إِنسٌ وَلَا جَانٌّ (39) Saa Da no yemmisa onipa anaa Jinn biara bͻne ho asεm
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (40) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| يُعْرَفُ الْمُجْرِمُونَ بِسِيمَاهُمْ فَيُؤْخَذُ بِالنَّوَاصِي وَالْأَقْدَامِ (41) Y’εde abͻneεfoͻ no nsohyεdeε na εbehu wͻn, enti yε’bεsͻ wͻn mu wͻ wͻn apampamu nwii ne wͻn nnan mu (na atwe wͻn aseε)
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (42) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| هَٰذِهِ جَهَنَّمُ الَّتِي يُكَذِّبُ بِهَا الْمُجْرِمُونَ (43) Woi ne Amanehunu gya no a abͻneεfoͻ no faa no atorͻsεm no
 | 
| يَطُوفُونَ بَيْنَهَا وَبَيْنَ حَمِيمٍ آنٍ (44) Wͻ’betwa ahyia wͻ (Ogya) a ayε hyehyeehye ne nsuo a ayε hye atrasoͻ no ntεm
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (45) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| وَلِمَنْ خَافَ مَقَامَ رَبِّهِ جَنَّتَانِ (46) Obi a osuro sε obegyina ne Wura Nyankopͻn anim no ͻwͻ Turo mmienu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (47) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| ذَوَاتَا أَفْنَانٍ (48) Nnua mman a atrεtrε sononko-sononko ayε mu mma
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (49) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِمَا عَيْنَانِ تَجْرِيَانِ (50) Asutire mmienu bi wͻ mu a εtenee
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (51) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِمَا مِن كُلِّ فَاكِهَةٍ زَوْجَانِ (52) Na nnuaba biara a egu mmienu mmienu wͻ ne mmienu nyinaa mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (53) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| مُتَّكِئِينَ عَلَىٰ فُرُشٍ بَطَائِنُهَا مِنْ إِسْتَبْرَقٍ ۚ وَجَنَى الْجَنَّتَيْنِ دَانٍ (54) W’agyegye adamu wͻ mpa anaa ahennwa a emu kuntu no yε kyeme ntoma a yadi mu adwini a ԑyԑ fԑ so. Aheman no mmienu no mu nnuaba no bεn (wͻn)
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (55) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِنَّ قَاصِرَاتُ الطَّرْفِ لَمْ يَطْمِثْهُنَّ إِنسٌ قَبْلَهُمْ وَلَا جَانٌّ (56) Mmaa a wͻ’hwε wͻn ani so yie (anaasε wͻ’fεre adeε) a onipa (biara) anaasε Jinn mfaa wͻn ho nkaa wͻn da wͻ ne mmienu mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (57) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| كَأَنَّهُنَّ الْيَاقُوتُ وَالْمَرْجَانُ (58) Wͻn (ho fε) tesε dwetε ne sika aboͻ a εhyerεn
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (59) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| هَلْ جَزَاءُ الْإِحْسَانِ إِلَّا الْإِحْسَانُ (60) Enti εnyε papa akatua ne papa
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (61) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| وَمِن دُونِهِمَا جَنَّتَانِ (62) (Turo) mmienu no akyiri nso, Turo mmienu (foforͻ) bi nso wͻ hͻ
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (63) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| مُدْهَامَّتَانِ (64) (Turo mmienu no mu) nhahan yԑ mono, εyε bunu paa
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (65) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِمَا عَيْنَانِ نَضَّاخَتَانِ (66) Nsuo aniwa mmienu bi wͻ ne mmienu mu a epue ba aberε biara
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (67) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِمَا فَاكِهَةٌ وَنَخْلٌ وَرُمَّانٌ (68) Nnuaba ne akyiresua ne ‘Rumaan’ (nyinaa) bi wͻ ne mmienu mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (69) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| فِيهِنَّ خَيْرَاتٌ حِسَانٌ (70) Mmaa papa ahoͻfεfoͻ wͻ mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (71) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| حُورٌ مَّقْصُورَاتٌ فِي الْخِيَامِ (72) Mmaa ahotewfoͻ a wͻn ani akεseε fεfεεfε hyehyε ntoma dan mu
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (73) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| لَمْ يَطْمِثْهُنَّ إِنسٌ قَبْلَهُمْ وَلَا جَانٌّ (74) Onipa biara anaasε Jinn nnii kan mfaa ne ho nkaa wͻn da
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (75) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| مُتَّكِئِينَ عَلَىٰ رَفْرَفٍ خُضْرٍ وَعَبْقَرِيٍّ حِسَانٍ (76) W’agyegye adamu wᴐ atε anaa mpikyi anaa sumuε a εyε ahahamono ne ‘Kapεt’ fεfεεfε so
 | 
| فَبِأَيِّ آلَاءِ رَبِّكُمَا تُكَذِّبَانِ (77) Enti (Jinn ne nnipa), mo Wura Nyankopͻn adom no emu deε εwͻ hen na mopoɔ
 | 
| تَبَارَكَ اسْمُ رَبِّكَ ذِي الْجَلَالِ وَالْإِكْرَامِ (78) Nhyira ne wo Wura Nyankopͻn din, Ɔno na Kεseyε ne Animuonyam yε Nedea
 |