| وَالسَّمَاءِ ذَاتِ الْبُرُوجِ (1) Mede ͻsoro a, ekuta Nsoromma akεseε
 | 
| وَالْيَوْمِ الْمَوْعُودِ (2) Ne εda a yahyε ho bͻ no
 | 
| وَشَاهِدٍ وَمَشْهُودٍ (3) Ne ͻdanseni no, ne adeε a, ͻredi ho adanseε no di nse sε
 | 
| قُتِلَ أَصْحَابُ الْأُخْدُودِ (4) Due nka wͻn a wͻ’tuu Amena (de agyidiefoͻ guu mu hyee wͻn)
 | 
| النَّارِ ذَاتِ الْوَقُودِ (5) Wͻ ogya tanaa a, yasͻ ano mu no
 | 
| إِذْ هُمْ عَلَيْهَا قُعُودٌ (6) Ɛberε a, na wͻ’te (ogya) no ho no
 | 
| وَهُمْ عَلَىٰ مَا يَفْعَلُونَ بِالْمُؤْمِنِينَ شُهُودٌ (7) Wͻ’hunuu adeε a wͻ’de yεε agyidiefoͻ no
 | 
| وَمَا نَقَمُوا مِنْهُمْ إِلَّا أَن يُؤْمِنُوا بِاللَّهِ الْعَزِيزِ الْحَمِيدِ (8) Ɛnyε hwee ho nti na wͻ’hyεε wͻn aniεyaa, na mmom sε wͻn agye Otumfoͻ, Ayeyie Wura Nyankopͻn no adi nti
 | 
| الَّذِي لَهُ مُلْكُ السَّمَاوَاتِ وَالْأَرْضِ ۚ وَاللَّهُ عَلَىٰ كُلِّ شَيْءٍ شَهِيدٌ (9) (Nyankopͻn) no a, ͻsoro ne Asaase so Ahennie yε Nedea no. Onyankopͻn deε Odi biribiara ho adanseε
 | 
| إِنَّ الَّذِينَ فَتَنُوا الْمُؤْمِنِينَ وَالْمُؤْمِنَاتِ ثُمَّ لَمْ يَتُوبُوا فَلَهُمْ عَذَابُ جَهَنَّمَ وَلَهُمْ عَذَابُ الْحَرِيقِ (10) Wͻn a wͻ’tan agyidiefoͻ mmarima ne agyidiefoͻ mmaa no ani, na wͻn ansakra wͻn adwene no, wͻ’benya Amanehunu gya no mu asotwee, na wͻ’san wͻ ͻhyeε asotwee
 | 
| إِنَّ الَّذِينَ آمَنُوا وَعَمِلُوا الصَّالِحَاتِ لَهُمْ جَنَّاتٌ تَجْرِي مِن تَحْتِهَا الْأَنْهَارُ ۚ ذَٰلِكَ الْفَوْزُ الْكَبِيرُ (11) Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie, na wͻ’di dwuma pa no, wͻ’benya Ahemman a, nsubͻnten nenam aseε; na εno ne Nkonimdie kεseε no
 | 
| إِنَّ بَطْشَ رَبِّكَ لَشَدِيدٌ (12) Nokorε sε, wo Wura Nyankopͻn buma (anaasε N’asotwee) mu yε den papaapa
 | 
| إِنَّهُ هُوَ يُبْدِئُ وَيُعِيدُ (13) Nokorε sε, Ɔno na Ɔhyεε aseε bͻͻ adeε, εna Ɔbεsan de aba nkwa mu bio
 | 
| وَهُوَ الْغَفُورُ الْوَدُودُ (14) Ɔne Bͻnefakyε Hene, Ɔdͻ ne Ayεmyε Wura no
 | 
| ذُو الْعَرْشِ الْمَجِيدُ (15) (Ɔne) Animuonyam Ahennwa Hene no
 | 
| فَعَّالٌ لِّمَا يُرِيدُ (16) (Otumfoͻ a) Ɔyε deε Ɔpε
 | 
| هَلْ أَتَاكَ حَدِيثُ الْجُنُودِ (17) (Nkͻmhyεni), asraafoͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ
 | 
| فِرْعَوْنَ وَثَمُودَ (18) (Ɛyε) Farao ne Samuud (asraafoͻ no)
 | 
| بَلِ الَّذِينَ كَفَرُوا فِي تَكْذِيبٍ (19) Nanso wͻn a wͻ’nnye nnie no guso po (Nokorε no)
 | 
| وَاللَّهُ مِن وَرَائِهِم مُّحِيطٌ (20) Nyankopͻn firi wͻn akyi atwa ahyia
 | 
| بَلْ هُوَ قُرْآنٌ مَّجِيدٌ (21) Aane, εyε Qur’aan, Animuonyam (Nwoma) noa
 | 
| فِي لَوْحٍ مَّحْفُوظٍ (22) Ɛwͻ (Nyankopͻn) Apaawa (Lawuhul-Mah’fuuz) a, (Soro abͻfoͻ) bͻ ho ban no so
 |